Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yuda 1:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu Kristo ɔsomfoɔ Yuda a meyɛ Yakobo nua na metwerɛɛ krataa yi, Mede kɔma wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo nua na ɔkyerɛw krataa yi, Ɔde kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo bammɔ mu:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakob nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:

Ver Capítulo Copiar




Yuda 1:1
40 Referencias Cruzadas  

Filipo ne Bartolomeo, Toma ne ɔtogyefoɔ Mateo, Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo,


Ɛnyɛ dua dwumfoɔ no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nua mmarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?


Wɔn a wɔka ho nso nie: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, ne Simon ɔmanyɛfoɔ,


Ɛnyɛ dua dwumfoɔ ba no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no nie? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuu no.


Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba; ne Yuda Iskariot a ɔyii Yesu maeɛ no.


Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfoɔ nso wɔ hɔ bi.”


Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”


Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo.


Memmisa wo sɛ yi wɔn firi ewiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban firi ɔbonsam nsam.


Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛnte wɔn ho, na ɛnyɛ wɔn kronkron.


Wɔn enti, mede me ho ma wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.


Na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yie na da a ɛdi akyire no, manyane wɔn ama wɔn nkwa foforɔ.


Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.


“Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa.


Nnora anadwo, Onyankopɔn a mesom no no ɔbɔfoɔ baa me nkyɛn


Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn.


Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi.


Ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na ɛyɛ ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wɔnnim hwee.


Nanso, seesei wɔagye mo afiri owuo mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfasoɔ a monya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na deɛ ɛfiri mu ba yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ.


Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso.


Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa, na mmom, amanamanmufoɔ nso.


Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:


Na mo mu bi te saa. Nanso, wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu enti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.


na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron,


Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyeree mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɛkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼAhennie ne nʼanimuonyam mu no so.


Na ɔno asomdwoeɛ Onyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo ɔkra ne mo onipadua so a ɛho remma asɛm biara kɔsi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba.


Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no,


Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahennie no mu asomdwoeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen.


Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho.


Krataa yi firi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ɔsomfoɔ nkyɛn, Mekyea mmusuakuo dumienu a wɔahwete no nyinaa.


Onyankopɔn, yɛn Agya, na ɛfiri teteete no ɔfrɛɛ mo. Na ɔnam ne Honhom so ayɛ mo kronkron. Ɛno enti, moayɛ ɔsetie ama Yesu Kristo, na ɔde ne mogya ate mo ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso nka mo.


Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛseɛ no so bɛhwɛ sɛ mobɛduru hɔ asomdwoeɛ mu, na mo nsa aka, ɛfiri sɛ, mogye no di. Ɛbɛyɛ mo dea nna a ɛdi akyire no mu ama obiara ahunu.


Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu.


Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ.


Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn, Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara pɛ no:


na montena Onyankopɔn dɔ mu ɛberɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔborɔ mu ama wama mo nkwa a ɛnni awieeɛ no.


Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ mo afa nkwagyeɛ a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ metwerɛ mo wɔ asɛm foforɔ ho na moyere mo ho gyina nokorɛ a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfoɔ afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios