Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:3
20 Referencias Cruzadas  

Ahyɛaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Onyankopɔn kaa sɛ, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na ɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, anantwie ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so.”


Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.


Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.


na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn. Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa na medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara,


Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adasamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu; nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase.


Na sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa, mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so, ɔka sɛ: “Me ne Awurade, na obi nni hɔ.


Saa ɛberɛ no, na Asɛm no wɔ ewiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase deɛ, nanso ɔbaa ewiase no, ewiase anhunu no.


Ahyɛaseɛ no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.


Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.


na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu.


Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ ewiase. Ɛma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnnhunu mu.


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso.


“Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Laodikea asafo mu no sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔeɛ no sodifoɔ nkyɛn.


“Yɛn Awurade ne Onyankopɔn, wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios