Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 127:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Awurade ansi ɛdan no a, adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfoɔ no wɛn kwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 127:1
35 Referencias Cruzadas  

Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoeɛ apam.


Enti, fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”


Afei, Dawid toaa so sɛ, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadie no kɛseyɛ ntu wo bo, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn, me Onyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadie biara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho no, wɔbɛwie no pɛpɛɛpɛ.


Ma me babarima Salomo akoma nyinaa mu ɔpɛ pa, na ɔnni wʼahyɛdeɛ, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na ɔnsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa yi.”


Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ɔgye me so.


Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba?


Ɛberɛ a wɔsee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ.


Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahennwa si ɔsoro.


Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka.


Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion, a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.


Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ.


Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no, na fa wo tenenee ma ɔhene babarima.


Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, te sɛ asase a ɛtim hɔ daa.


Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu, nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo.


Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase: Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ, aduane mma onyansafoɔ nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn; nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.


Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aprɔ wɔ kuropɔn no mu. “Moahunu deɛ mʼakoma da no so no anaa?”


Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no!


Me, Awurade, mehwɛ so; megugu so nsuo ɛberɛ biara. Mebɔ ho ban awia ne anadwo sɛdeɛ obiara rensɛe no.


Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ nkraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ, nna yɛ wɔn dɛ.


Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ Awurade no, monnhome koraa,


Mompagya frankaa bi ntia Babilonia afasuo! Mommia banbɔ mu, momma awɛmfoɔ no nnyinagyina. Monsiesie ahintaeɛ! Awurade bɛma nʼatirimpɔ aba mu, deɛ wahyɛ atia Babilonia no.


Abɔfoɔ didi so asomafoɔ didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ, wɔafa ne kuropɔn no,


Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛnni asɛm biara ka, na mo nso monni asɛm biara a mobɛgye adi.


Obi a ɔduaeɛ ne obi a ɔguguu so nsuo no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔmaa afifideɛ no nyiniiɛ.


Mesuro sɛ, ɛkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.


Daa monkae sɛ, Awurade mo Onyankopɔn a ɔma mo tumi ma moyɛ adefoɔ no, ɔyɛ saa de dii apam a ɔne mo agyanom hyɛeɛ no so.


Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene sɛ, “Anadwo yi ara, Israelfoɔ no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios