Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:22 - Asante Twi Nkwa Asɛm

22 “Woboaa yɛn agyanom, ma wɔdii ahemman akɛseɛ ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfoɔ duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na wode ahennie ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase, ne Basanhene Og asase no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 “Woboaa yɛn agyanom ma wodii ahemman akɛse ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfo duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ofi Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na wode ahennie ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase, ne Basanhene Og asase no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na wode ahenni ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase ne Basanhene Og asase so.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:22
16 Referencias Cruzadas  

ɔde amanaman no nsase maa wɔn, na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ


Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no, sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no.


Mede me tumi kɛseɛ ne me basa a matene mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a ɔsɔ mʼani.


Wɔba bɛfaeɛ, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.


Mede wɔn baa asase a maka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so no, wɔbɔɔ afɔdeɛ, yɛɛ afɔrebɔdeɛ maa kokoɔ biara a ɛkorɔn anaa dua biara a ɛso wɔ nhahan de hyɛɛ me abufuo; wɔde nnuhwam maeɛ na wɔhwiee ahwiesa maa wɔn.


Ɔkaa saa asɛm yi wɔ ɛberɛ a na wɔadi Amorifoɔ ɔhene Sihon a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na ɔdi adeɛ wɔ Astarot ne Edrei so nkonim.


Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete ama wɔn nkaeɛ ayera.


ɛberɛ a wɔduruu bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. Kane no, na Amorifoɔ na wɔte asase yi so ɛberɛ a wɔn ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon di adeɛ. Mose ne Israelfoɔ firi Misraim ɛreba no, wɔsɛe ɔhene yi ne nkurɔfoɔ.


Wɔfaa nʼasase no sane faa Basanhene Og asase nso kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo a wɔte Yordan apueeɛ.


Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane wɔ ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii sɛ wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no.


Enti, Yosua faa asase no nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuo no. Enti awieeɛ no asase no so dwoeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios