Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:21 - Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Wohwɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so. Saa ɛberɛ no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntadeɛ antete, na wɔn anan ase antaatae.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na wohwɛɛ wɔn mfirinhyia aduanan ɛserɛ no so: Anhia wɔn, wɔn ntadeɛ ansunsuane, na wɔn nan anhonhon.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Wohwɛɛ wɔn so mfe aduanan wɔ sare so. Saa bere no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntade antetew, na wɔn anan ase antaatae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na wohwɛɛ wɔn mfirinhyia aduanan ɛserɛ no so: Anhia wɔn, wɔn ntadeɛ ansunsuane, na wɔn nan anhonhon.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na wohwɛɛ wɔn mfirihyia aduanan sare no so: Anhia wɔn, wɔn ntade ansusuw, na wɔn anan anhonhon.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:21
9 Referencias Cruzadas  

Agyata yɛ mmrɛ na ɛkɔm de wɔn, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, adepa biara remmɔ wɔn.


Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane wɔ no.


“Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?


na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan.


Awurade ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantuo wɔ ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.


Mfeɛ aduanan mu a medii mo anim faa ɛserɛ so no, mo ntoma antete; saa ara na mo mpaboa a ɛhyɛ mo nan nso anhi.


Monkae sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn dii mo anim faa ɛserɛ so mfeɛ aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛeɛ sɛ mobɛdi ne mmara so anaasɛ morenni so no.


Mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, mo ntadeɛ antete, na mo nan ammɔ mpumpunnya na anhonhono nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios