Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:16 - Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Nanso, yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛdeɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Nanso yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛde so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:16
33 Referencias Cruzadas  

Nanso, Israelfoɔ no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye Awurade, wɔn Onyankopɔn, anni.


Yɛn agyanom anni nokorɛ, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn anim. Wɔgyaa Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ no.


Monnyɛ asoɔden sɛdeɛ na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri mo so.


Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar wɔ ɛberɛ a na waka ntam adi nse wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia yɛ kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Onyankopɔn ho.


Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ kyerɛɛ Farao, nʼasomfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, na wonim nhyɛsoɔ ɛkwan a na Misraimfoɔ no de wɔn fa so. Wowɔ animuonyam a ahyeta a ani mpa so da.


“Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnsane mmɛdi wo mmara no so nanso, wɔyɛɛ ahomasoɔ ne asoɔden a wɔanni wʼahyɛdeɛ no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a, wɔnam so bɛnya nkwa. Nanso, wɔnam ahomasoɔ so danee wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wɔbɛtie wo.


Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm.


“Ao me nkurɔfoɔ, montie me kɔkɔbɔ yi, Ao Israel, sɛ mobɛtie me a!


“Sɛ mobɛtie Awurade mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri sɛ, mene Awurade a mesa mo nyarewa.”


Awurade kaa sɛ, “Mahunu sɛdeɛ saa nnipa yi yɛ asoɔden na wɔsane yɛ adɔnyɛfoɔ fa.


Obi a ɔkɔ so yɛ tufoanteɛ wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano.


Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a, anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten, na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.


Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ.


Nanso, wɔtee atua de hoo ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.


“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Montie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ɛho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ kɔnsenee na wɔantie me nsɛm.’ ”


“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa? Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa? Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’


Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom deɛ so.’


Nanso, nʼamumuyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛeɛ asene aman ne nsase a atwa ne ho ahyia. Wapo me mmara, na wanni mʼahyɛdeɛ so.


“Mo asoɔdenfoɔ, mo a mo akoma apirim na montie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso, daa mosi Honhom Kronkron no ho kwan.


Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no.


Ɛfiri sɛ, menim sɛdeɛ moyɛ atuatefoɔ ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moate Awurade so atua. Na me wuo akyi no, atua bɛn na morente!


Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ; nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee! Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn; wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no.


Ao, sɛ daa wɔbɛnya akoma sɛdeɛ ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛdeɛ nyinaa so a, anka ɛbɛyɛ ama wɔn ne wɔn asefoɔ nyinaa afebɔɔ.


Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahunu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara.


Yi wʼani firi saa nnipa asoɔdenfoɔ yi so na kae wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Yakob.


Meka bio sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ teneneefoɔ enti na Awurade, mo Onyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Ɛnte saa. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.


Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no.


Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios