Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:13 - Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Wosianee bepɔ Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn firi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛdeɛ a ɛyɛ nokorɛ brɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Wusian bepɔw Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn fi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛde a ɛyɛ nokware brɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Nso wosiane baa Sinai bepɔ so, na wofiri soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn tenenee atemmudeɛ ne nokorɛ mmara, ahyɛdeɛ ne mmara nsɛm a ɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Nso wusian baa Sinai bepɔw so, na wufi soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn trenee atemmude ne nokware mmara, ahyɛde ne mmara nsɛm a eye.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:13
27 Referencias Cruzadas  

Monhwɛ yie, na monni mmara, nkyerɛkyerɛ ne ahyɛdeɛ a ɔtwerɛ maa mo no so. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforɔ biara.


Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri sɛ, na Awurade ahummɔborɔ nsa no wɔ ne so.


Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ.


Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ; na wo mmara a ɛtene no to rentwa da.


Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ.


Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, Awurade aka ato hɔ sɛ, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti, monnoa dodoɔ biara a mopɛ ɛnnɛ, na deɛ ɛbɛka no, monnya ma adeɛ nkye so.’ ”


Na ɔkyena akyiri mɛsiane aba Sinai Bepɔ no so a ɔmanfoɔ nyinaa rehwɛ ɛkwan.


Afei, Onyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn:


Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfoɔ no. ‘Modi ho adanseɛ nokorɛm sɛ, mefiri soro ada me pɛ adi akyerɛ mo.


Ao, sɛ anka wobɛsunsuane ɔsorosoro mu, asiane aba fam a, ɛno na anka mmepɔ no ho bɛpopo wɔ wʼanim!


Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no, wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim.


Onyankopɔn firi Teman baeɛ, Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so, Nʼanimuonyam kata ɔsoro, na nʼayɛyie hyɛ asase so ma.


Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, mepene so sɛ mmara no yɛ.


Ɔkaa sɛ, “Awurade firi Sinai ba bɛpuee yɛn so firii Seir; ɔhran firii Paran bepɔ so. Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.


Ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afiri ogya mu sɛdeɛ moteeɛ na wɔda so te ase yi anaa?


Ɔmaa motee ne nne firi soro nam so tenetenee mo so. Ɔmaa mohunuu ne ogya fadum wɔ asase so, ɛnna motee ne nne firii ogya no mfimfini.


Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te sɛ saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi?


Awurade ne mo kasaa animuanimu firi ogyaframa no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios