Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:11 - Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wopaee ɛpo mu maa wo nkurɔfoɔ, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa asase wesee so. Na wopuaa wɔn atamfoɔ guu ɛpo bunu mu. Wɔmemem sɛ aboɔ wɔ nsubunu a emu dɔ no ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wopaee po mu maa wo nkurɔfo, sɛnea wobetumi afa asase wosee so. Na wusum wɔn atamfo guu po bun mu. Wɔmemem sɛ abo wɔ bun a emu dɔ no ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu, wɔn anim ma wɔfaa ɛpo no mu, asase kesee so, na wɔn a wotiw wɔn no de, wotow wɔn guu abun no mu, sɛ wɔtow ɔbo kyene nsu a emu dɔ mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:11
16 Referencias Cruzadas  

Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; wɔnante twaa asuo no. Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.


Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo.


Awurade bɛko ama mo a monha mo ho koraa!”


Wɔn nteaseɛnam no nan tutuiɛ enti na wɔntumi nkɔ bio. Enti Misraimfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ anim, ɛfiri sɛ, Awurade reko ma wɔn na yɛn deɛ, ɔreko tia yɛn.”


Israelfoɔ no nante faa asase wesee a nsuo yɛ ɔfasuo wɔ benkum ne nifa no so.


Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Misraim na atoa so de abɛsi ɛnnɛ wɔ Israel ne adasamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de bɛsi ɛnnɛ.


Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nananom a wɔdii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu asomdwoeɛ mu.


Gyidie enti na ɛmaa Israelfoɔ no twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no, sɛdeɛ wɔnam asase kesee so no. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔtwa bi no, nsuo no bu faa wɔn so.


Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene, a wɔrenhunu no bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios