Nehemia 8:9 - Asante Twi Nkwa Asɛm9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu. Ver Capítulo |