Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:18 - Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛsra kenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu wɔ afahyɛ no mu nnanson no mu da biara. Afei, Tisri bosome (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu anibereɛ so, sɛdeɛ Mose mmara hwehwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛsra de nnanson kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no wɔ afahyɛ no ase da biara, efi da a edi kan de kosi da a etwa to. Afei, Tisri ɔsram (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Nso wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no mu daa, firii da a ɛdi kan no so ara de bɛsii da a ɛdi akyire no so. Na wɔdii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Nso wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no mu daa, fi da a edi kan no ara de besii da a edi akyiri no. Na wodii nnapɔnna nnansɔn, na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, sɛ ne yɛbea te no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:18
7 Referencias Cruzadas  

Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim.


Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no.


Ɛda biara wɔ nnanson no mu, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔdeɛ ma Awurade. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔdeɛ ama Awurade. Ɛyɛ nhyiamu a ɛtwa toɔ. Monnyɛ adwuma biara.


Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidie mmara yi tena hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.


“ ‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no.


Afahyɛ no da a ɛdi akyire a ɛyɛ da titire no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa denden sɛ, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios