Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:14 - Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Wɔkɔɔ mmara no mu no, wɔhunuu sɛ, Awurade nam Mose so ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no tena asese mu afahyɛ a wɔrebɛdi no saa bosome no mu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ no mmara a AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no mu, sɛ Israelfoɔ no ntena asese mu bosome a ɛtɔ so nson mu afahyɛ no mu

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wɔkɔɔ mmara no mu no, wohuu sɛ Awurade nam Mose so ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Israelfo no tena asese mu afahyɛ a wɔrebedi no saa ɔsram no mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ no mmara a AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no mu, sɛ Israelfoɔ no ntena asese mu bosome a ɛtɔ so nson mu afahyɛ no mu

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wohui sɛ wɔakyerɛw mmara a AWURADE nam Mose so hyɛe no mu, sɛ Israelfo no ntena asese mu ɔsram a ɛto so ason so afahyɛ no mu,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:14
8 Referencias Cruzadas  

Nanso, Yakob deɛ, ɔkɔɔ Sukot kɔsisii ne ntomadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenaeɛ. Ɛno enti na wɔfrɛ saa beaeɛ hɔ Sukot, a asekyerɛ ne Asese no.


Wɔdii Asese Afahyɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ afahyɛ da biara deɛ teɛ no.


Na bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) a ɛtɔ so nkron no, mmusua ntuanofoɔ no ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne Ɛsra hyiaeɛ sɛ, wɔrekɔ mmara no mu fekɔfekɔ.


“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ɛbɛdi.


Ɛberɛ a Yudafoɔ Asese Afahyɛ no reyɛ aduru no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios