Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 7:71 - Asante Twi Nkwa Asɛm

71 Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

71 Na agyanom atitire no mu binom maa adwuma no ho akoradeɛ sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ahanu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

71 Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

71 Na agyanom atitire no mu binom maa adwuma no ho akoradeɛ sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ahanu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

71 Na agyanom atitiriw no mu binom maa adwuma no ho akorade sika nsuruboaa ɔpeduonu, ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ahanu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 7:71
6 Referencias Cruzadas  

Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 188, sika ankasa ɔpedu, ɛnna dwetɛ bɛyɛ tɔno 375, kɔbere mfrafraeɛ bɛyɛ tɔno 675 ne nnadeɛ bɛyɛ tɔno 3,750, de boaa Asɔredan no sie.


Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530).


Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67).


Ɔnhwɛ mmapɔmma anim na ɔnyiyi adefoɔ ne ahiafoɔ mu, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.


Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios