Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 7:70 - Asante Twi Nkwa Asɛm

70 Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530).

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

70 Na agyanom atitire no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho adeɛ: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkoraa aduonum, asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akoradeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

70 Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530).

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

70 Na agyanom atitire no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho adeɛ: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkoraa aduonum, asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akoradeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

70 Na agyanom atitiriw no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho ade: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkora aduonum, asɔfotade ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akorade no mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 7:70
15 Referencias Cruzadas  

Nkukuo, sofi ne dwaresɛn. Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.


Dawid sane kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛnam darewa a wɔde bɛsosɔ afɔrebɔ ɛnam mu, atam, sukuruwa ne nyowaa ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ayowaa biara.


Huram-Abi yɛɛ nkukuo, nsofi ne dwaresɛn a ɛho hia nyinaa. Deɛ ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa, ɔyɛeɛ.


Afei, ɔyɛɛ apono edu de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisii anafoɔ fam ɔfasuo no anim, na wɔde emu enum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasuo no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ dwaresɛn ɔha.


Nwoma a wɔgye too mu na wɔsɔɔ ano, saa edin yi na na ɛwɔ mu: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne Sedekia,


Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.


Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720).


Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no.


Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ.


Montwa odwan no mogya ngu kyɛnsee bi mu. Momfa hisope mmɔ mogya no mu na momfa mpete aponnwatifi ne aponnwa mmienu a aka no ho sɛdeɛ mogya no bɛda ho. Mowie a, mo mu biara mmfiri nkɔ abɔntene saa anadwo no.


Mose sɔnee mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, ɛnna ɔtoo ɛfa a aka no petee afɔrebukyia no so.


Ɔhene awɛmfoɔ sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrawantrawa, ɔpete nkuruwa, nkukuo, kaneannua, nwowaa ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔeɛ; wɔde sikakɔkɔɔ amapa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ yeinom nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios