Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 7:6 - Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Eyinom ne ɔmantam no mufo a wofi nnommum a, Babel hene Nebukadnesar de wɔn kɔe no mu foro bae na wɔsan baa Yerusalem ne Yuda kokɔɔ wɔn nkurow mu

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 7:6
10 Referencias Cruzadas  

Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no kyekyeree wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne akodɔm a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asuo.


Yɛpɛ sɛ yɛma wote sɛ, yɛkɔɔ beaeɛ a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu. Aboɔ a wɔasiesie sononko ne nnua na wɔde resi afasuo no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.


Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu na wɔhunuu krataa mmobɔeɛ bi. Na emu nsɛm nie: Asɛnkaeɛ krataa:


Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”


Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios