Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 7:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na mesee wɔn sɛ: Mommma wɔnnhini Yerusalem apono gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ no wɔnkeka apono no ntoto mu, na montoto akyire. Na momfa Yerusalemfoɔ awɛmfoɔ nsisi hɔ, onipa biara nnyina ne wɛn so, ne fie ntentensoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na mesee wɔn sɛ: Mommma wɔnnhini Yerusalem apono gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ no wɔnkeka apono no ntoto mu, na montoto akyire. Na momfa Yerusalemfoɔ awɛmfoɔ nsisi hɔ, onipa biara nnyina ne wɛn so, ne fie ntentensoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na misee wɔn sɛ: Mommma wonnhiɛ Yerusalem apon gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ yi wɔnkeka apon no ntoto mu, na montoto akyiri. Na momfa Yerusalemfo awɛmfo nsisi hɔ, onipa biara nipa nnyina ne wɛn so ne ne fi ntentenso.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 7:3
8 Referencias Cruzadas  

Na afei, mehyɛɛ sɛ, ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ, Efiada biara anwummerɛ, wɔntoto kuro no apono mu a wɔmmue ara kɔsi sɛ Homeda no bɛtwam. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfoɔ kɔwɛnn apono no, sɛdeɛ wɔrentumi mfa adwadeɛ mma homeda no.


Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie.


Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.


Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu.


Sɛ Awurade ansi ɛdan no a, adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfoɔ no wɛn kwa.


ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.


“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios