Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:8 - Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mebuaa sɛ, “Wonim sɛ woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mibuae se, “Wunim sɛ woretwa atoro. Asɛm a woreka no, nokware baako koraa nni mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna mesoma mekɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:8
12 Referencias Cruzadas  

Ɔkɔ so ka sɛ, woayi adiyifoɔ bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wogye to mu sɛ, saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”


Mode atorɔ mmom na afɔre me ho; mo nyinaa moyɛ ayaresafoɔ a mo ho nni mfasoɔ!


Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa; ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa.


Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho.


Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. Wo a wotwa nkontompo nko ara.


Obiara nhwehwɛ atɛntenee; obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro. Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.


Ahemfo mmienu a bɔne adi wɔn tiri mu dɛm bɛtena ɛpono baako ho, adi atorɔ akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛnkɔsi hwee, ɛfiri sɛ, awieeɛ no bɛba ne ɛberɛ a wɔahyɛ no.


Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefoɔ sɛ mo atumi aka deɛ ɛyɛ ho asɛm? Deɛ ayɛ akoma ma abu so no na ano ka.


Mo deɛ, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifoɔ firi ahyɛaseɛ. Ɔnni nokorɛ da, ɛfiri sɛ, ɔnyɛ ɔnokwafoɔ. Sɛ ɔdi atorɔ a, ɛnyɛ nwanwa ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Paulo buaa sɛ, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asɛnniiɛ na megyina enti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wɔdi mʼasɛm, bu me atɛn, ɛfiri sɛ menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biara sɛdeɛ wo ara wonim no.


Ɛberɛ a Paulo bɛduruu asɛnniiɛ hɔ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem no twaa ne ho hyiaeɛ firii aseɛ kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ too ne so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios