Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:6 - Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na krataa no mu nsɛm nie: “Gesem aka akyerɛ me sɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne sɛ, wopɛ sɛ wobɛdi wɔn so ɔhene.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na krataa no mu nsɛm ni: “Gesem aka akyerɛ me se, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafo no repam atew atua; ɛno nti na woresiesie ɔfasu no. Nea ɛka ho ne sɛ, wopɛ sɛ wubedi wɔn so hene,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:6
16 Referencias Cruzadas  

Yɛsrɛ wo, yɛrebɔ wo amaneɛ sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie adɔnyɛfoɔ ne abɔnefoɔ kuro no. Wɔato afasuo no fapem dada, na ɛrenkyɛre na wɔawie.


Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hunu sɛdeɛ saa kuro yi yɛɛ adɔnyɛ kuro tete no. Nokorɛ nie, wɔsɛee no, ɛsiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛɛ sɛ wɔdi wɔn so no enti.


Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?”


Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din.


Ne mpɛn enum so no, Sanbalat ɔsomfoɔ kura krataa a wɔatwerɛ baeɛ.


Ɔkɔ so ka sɛ, woayi adiyifoɔ bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wogye to mu sɛ, saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”


Mete asomusɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi atɔ ne so were.”


“Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so.


Wɔfirii aseɛ totoo nʼano sɛ, “Saa onipa yi tu nkurɔfoɔ aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfoɔ tua toɔ ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”


Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yudafoɔ no kaeɛ no, ɔde Yesu firii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmuo adwa so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Aboɔ Nsɛmeeɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.”


Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.


Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wɔgu yɛn anim ase o, sɛ wɔya yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wɔbu yɛn sɛ atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ.


Momfa obuo ne anidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ wɔn a wɔsopa mo suban pa wɔ Kristo mu no anim bɛgu ase wɔ wɔn nsekuro no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios