Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:16 - Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na yɛn atamfo nyinaa tee no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no surosuroe, na wɔtɔɔ mu wɔn ani so sɛ, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:16
16 Referencias Cruzadas  

Nanso, Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.


Ɛberɛ a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho fɛ,


Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie.


Saa nnafua aduonum mmienu no mu, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfoɔ no ntam.


Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Ao Awurade.


Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ, “Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.”


Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.


Awurade kyekyere Yerusalem; Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano.


Wɔn nteaseɛnam no nan tutuiɛ enti na wɔntumi nkɔ bio. Enti Misraimfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnnwane mfiri Israelfoɔ anim, ɛfiri sɛ, Awurade reko ma wɔn na yɛn deɛ, ɔreko tia yɛn.”


Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta. Ɛbɛma me anigyeɛ, ayɛyie ne animuonyam wɔ asase so aman nyinaa a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wɔbɛsuro na wɔn ho apopo wɔ yiedie ne asomdwoeɛ bebrebe a mede ma no enti.’


Nnome biara renka Yakob, abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so. Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ, ‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’


Ɛno enti metu mo fo sɛ, monnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi firi onipa a, ɛbɛgu.


Ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn akoma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoɔduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sei a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Onyankopɔn no, ne otumfoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ne asase ase.


“Menim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa.


Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan awe wɔ Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios