Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:13 - Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na wosusuw sɛ wobehunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me sobo, asɛe me din.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Nea enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, minsuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:13
24 Referencias Cruzadas  

Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.


Na krataa no mu nsɛm nie: “Gesem aka akyerɛ me sɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne sɛ, wopɛ sɛ wobɛdi wɔn so ɔhene.


Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe; sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.


Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no sum ne nan afidie.


Edin pa yɛ sene aduhwam papa, na owuda yɛ sene awoda.


“Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ, mo a me mmara wɔ mo akoma mu: Monnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.


“Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei a enti moanni me nokorɛ, na moankae me anaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu? Mayɛ dinn akyɛre no enti na monnsuro me anaa?


“Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.


Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.”


Mete asomusɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi atɔ ne so were.”


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwom sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ atwa wo ho ahyia, na wote anyanyankyerɛ mu deɛ, nanso nsuro deɛ wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu sɛ wɔyɛ atuatefoɔ.


Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no.


Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no.


Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ asɛnnifoɔ akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya adansefoɔ bi a wɔbɛdi adansekurumu ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ.


Afei, wɔde nnipa ba bɛdii adansekurumu tiaa Stefano sɛ, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no.


Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no seesei yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, saa “asomafoɔ” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wɔdi no te sɛ yɛn dwuma a yɛdi no pɛ.


Enti me pɛ ne sɛ, akunafoɔ nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a atamfoɔ nnya wɔn ho ɛkwan nka nsɛm ntia wɔn.


Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ.


Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.


Enti, deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.


Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no. Ɛno ne owuprenu no.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios