Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:10 - Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Akyiri no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nena Semaia a ɔhyɛ ne fi na ɔnkɔ baabiara no. Ɔkae se, “Ma yenhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apon no akyi. Wʼatamfo reba abekum wo anadwo yi.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fi, na ɔno de, wato ne ho pon mu. Na ɔkae sɛ: Ma yenhyia Onyankopɔn fi asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apon mu, efisɛ wɔreba abekum wo. Anadwo na wɔbɛba abekum wo.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:10
21 Referencias Cruzadas  

Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.


Asɔredan no fasukyire no nso, wɔsisii adan bebree fomfam ho hyiaeɛ.


Yoas ne deɛ ɔgyegye no no hintaaeɛ, wɔ Awurade asɔredan mu mfeɛ nsia, ɛberɛ a na Atalia di ɔhene wɔ asase no so no.


Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahab fiefoɔ nyinaa firi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfoɔ ne deɛ ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel.


Ɔhene no tasee nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa, bubuu mu asinasini. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apono mu, sɛdeɛ obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Ɔsisii afɔrebukyia maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɛtwɛwa so baabiara.


Afe a ɛdi ɛkan wɔ nʼahennie mu wɔ bosome a ɛdi ɛkan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apono no, siesieeɛ.


Afei, wɔtotoo Asɔredan no abankua apono mu, dundumm nkanea no. Wɔgyaee nnuhwamhyeɛ, gyaee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ba Israel Onyankopɔn, kronkronbea hɔ no.


Harim abusua mu no: Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon.


Enti, mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ no. Mesane soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ anyansafoɔ pa bi no nso.


Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.


Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.


Amumuyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne tia ateneneefoɔ na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;


Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.


Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu.


Afei, Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔpagyaa me gyinaa me nan so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔto wo ho ɛpono mu wɔ wo efie.


“Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔredan no apono mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔrebukyia so! Mʼani nsɔ mo, na merennye afɔrebɔdeɛ biara a ɛfiri mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.


“Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho.


Ɔdebɔneyɛfoɔ biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, ɛfiri sɛ, ɔsuro sɛ ne nneyɛeɛ bɔne no bɛda adi.


Wɔtee saa asɛm yi no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi, kɔkyeree Paulo, twee no firii asɔredan no mu hɔ. Ɛhɔ ara, wɔtotoo asɔredan no apono no nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios