13 Meporoo mʼabɔɔmu mu kaa sɛ, “Sɛ mobu ɛbɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporo mo mfiri mo afie mu ne mo agyapadeɛ ho!” Badwa no gyee so sɛ, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.
13 Meporeporee me kokom nso na mekaa sɛ: Sei ara na Onyankopɔn bɛporepore onipa biara a ɔmma asɛm yi ntim no afiri ne fie ne n’adwuma mu, na sei ara na wɔbɛporepore no na wayɛ onipahunu. Na badwa no nyinaa kaa sɛ: Amen. Na wɔyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.
13 Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!” Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.
13 Meporeporee me kokom nso na mekaa sɛ: Sei ara na Onyankopɔn bɛporepore onipa biara a ɔmma asɛm yi ntim no afiri ne fie ne n’adwuma mu, na sei ara na wɔbɛporepore no na wayɛ onipahunu. Na badwa no nyinaa kaa sɛ: Amen. Na wɔyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.
13 Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.
Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi so.
Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no bɔ gyee so sɛ, “Amen! Amen!” wɔ ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm Awurade a wɔn anim butubutu fam.
Ɛberɛ a Yudafoɔ no ampɛ sɛ wɔtie Paulo asɛnka, na wɔyeyɛɛ no no, ɔde abufuo poroporoo nʼatadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mmusuo ngu mo atifi. Mo afɔbuo nna me so. Ɛfiri ɛnnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufoɔ.”
Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no bɛtumi agye wʼaseda mpaeɛ no so sɛ “Amen” bi? Ɛkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate deɛ woreka no ase.