Nehemia 5:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm12 Na wɔbuaa sɛ, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfiri nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ deɛ woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa atitire no ne adwumayɛfoɔ no kaa ntam sɛ, wɔbɛdi wɔn bɔhyɛ so. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron12 Ɛnna wɔse: Yɛbɛdane ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribiara. Yɛbɛyɛ saa, sɛdeɛ woaka no. Na mefrɛɛ asɔfoɔ no mebae, na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ no sɛdeɛ asɛm yi teɛ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm12 Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible12 Ɛnna wɔse: Yɛbɛdane ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribiara. Yɛbɛyɛ saa, sɛdeɛ woaka no. Na mefrɛɛ asɔfoɔ no mebae, na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ no sɛdeɛ asɛm yi teɛ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON12 Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te. Ver Capítulo |
wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so.