Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:23 - Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Saa ɛberɛ no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fiefoɔ anaa mʼasomfoɔ anaa awɛmfoɔ a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔ yɛn ntadeɛ da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsuo mpo a na yɛkurakura yɛn akodeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Saa bere no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fifo anaa mʼasomfo anaa awɛmfo a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔw ne ntade da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsu mpo a na yekurakura yɛn akode.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfo ne awɛmfo a wodi m’akyi no, yɛanyiyi yɛn ntade, obiara kura ne dade.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:23
8 Referencias Cruzadas  

Afei, mesane ka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasuo no akyi no sɛ, wɔntu nkɔ Yerusalem. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔne wɔn asomfoɔ bɛtumi awɛn anadwo, na wayɛ adwuma awiaberɛ mu.


Saa ɛberɛ yi mu mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfoɔ Yudafoɔ.


Mekum me ho maa ɔfasuo no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ mɛnya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfoɔ nyinaa de wɔn berɛ bɛyɛ adwuma wɔ ɔfasuo no ho.


Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree.


Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu; obiara nante kɔ nʼanim tee. Wɔbu fa banbɔeɛ so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.


Nanso, Onyankopɔn adom enti, mete sɛ deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɛ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu.


Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ. Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie, ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano.


enti ɔdii nʼakodɔm anim kɔɔ Salmon Bepɔ so. Ɔfaa akuma twaa mman bi firii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Ntɛm, deɛ mayɛ yi, monyɛ bi!”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios