Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:21 - Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛree firi ɛberɛ a owia pue kɔsi ɛberɛ a owia kɔtɔ. Na ɛberɛ biara na nnipa no mu fa rewɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Saa na yɛyɛɛ adwuma. Na wɔn mu fa kurakuraa mpea firi adekyeeɛ kɔsi sɛ nsoromma pue.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛe fi bere a owia pue kosi bere a owia kɔtɔ. Na bere biara na nnipa no mu fa rewɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Saa na yɛyɛɛ adwuma. Na wɔn mu fa kurakuraa mpea firi adekyeeɛ kɔsi sɛ nsoromma pue.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Saa na yɛyɛɛ adwuma no. Na wɔn mu fa kurakura mpeaw fi adekyee kosi sɛ nsoromma pue.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:21
6 Referencias Cruzadas  

Na sɛ mote totorobɛnto no nnyegyeeɛ a, monyɛ ntɛm nkɔ baabi a nnyegyeeɛ no wɔ. Na yɛn Onyankopɔn bɛko ama yɛn.”


Afei, mesane ka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasuo no akyi no sɛ, wɔntu nkɔ Yerusalem. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔne wɔn asomfoɔ bɛtumi awɛn anadwo, na wayɛ adwuma awiaberɛ mu.


Nanso, Onyankopɔn adom enti, mete sɛ deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɛ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu.


Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.


Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no.


Ɛno enti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios