Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:15 - Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ tee sɛ yɛahunu wɔn atirimpɔ ne sɛdeɛ Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔ no, yɛn nyinaa sane kɔɔ ɔfasuo no ho, kɔtoaa yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na yɛn atamfoɔ no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa sane baa ɔfasuo no ho, bɛtoaa yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Bere a yɛn atamfo tee sɛ yɛahu wɔn atirimpɔw ne sɛnea Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔw no, yɛn nyinaa san kɔɔ ɔfasu no ho kɔtoaa yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na yɛn atamfoɔ no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa sane baa ɔfasuo no ho, bɛtoaa yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na yɛn atamfo no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa san baa ɔfasu no ho kokɔɔ yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:15
13 Referencias Cruzadas  

Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ, afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!”


Afei, Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa sɛ, “Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no.” Ɛfiri sɛ, Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotuo pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.


Na ɛfiri saa ɛberɛ no, me mmarima no mu fa pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na nkaeɛ no wɛnee wɔ hɔ a wɔkurakura mpea, akokyɛm, nnyan, hyehyɛɛ akotaadeɛ wɛnee hɔ. Mpanimfoɔ no gyinagyinaa Yudafoɔ no a


Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.


deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo na ɔdane no nkwaseasɛm,


Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Me ba no te sɛ ɔbarima bi a ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso sɛ, ɔnwɛn hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛba.


Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hye wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛ nsom Awurade.


Momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhoma sɛdeɛ yɛaka akyerɛ mo dada no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios