Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yudafoɔ a na wɔtete bɛn atamfoɔ no bɛbɔɔ yɛn amaneɛ mpɛn bebree sɛ, “Wɔbɛfiri afanan nyinaa abɛto ahyɛ yɛn so.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yudafo a na wɔte bɛn atamfo no bɛbɔɔ yɛn amanneɛ mpɛn bebree se, “Wobefi afanan nyinaa abɛtow ahyɛ yɛn so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɛbaa sɛ, Yudafoɔ a wɔtete wɔn ho no firi nkuro no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mprɛdu sɛ: Wɔrepam yɛn ho apam bɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yudafo a wɔtete wɔn ho no fi nkurow no nyinaa mu bɛka kyerɛɛ yɛn bɛyɛ mpɛn du sɛ wɔrepam yɛn ho apammɔne.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:12
7 Referencias Cruzadas  

Mfirinhyia aduonu a metenaa wo nkyɛn nyinaa, na saa na mʼasetena teɛ. Mede mfirinhyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmammaa baanu no. Ɛnna mede mfirinhyia nsia nso hwɛɛ wo nnwan. Deɛ ɛtwa toɔ koraa ne sɛ, wosesaa mʼakatua mpɛn edu.


nanso mo agya nam nsisie kwan so, asesa mʼakatua mu mprɛdu. Nanso, yei nyinaa akyiri, Onyankopɔn amma no ɛkwan amma wanyɛ me bɔne.


Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka sɛ, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ.”


Enti, mede awɛmfoɔ a wɔkura akodeɛ kɔtenaa baabi a ɔfasuo no yɛ tia, wɔ mmeammea a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuo no gyinagyinaa sɛ awɛmfoɔ a wɔkurakura akofena, mpea ne nnyan.


Mpɛn edu nie a moasopa me; mo ani nwu sɛ moto hyɛ me so.


Asɛm biara a ɛhia nyansa ne nteaseɛ a ɔhene no bisa wɔn no ɔhunu sɛ, wɔ sene nkonyaayifoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ a wɔwɔ nʼahemman mu nyinaa no mpɛn edu.


saa nnipa yi mu biara rensi asase no so ɛda biara da. Wɔahunu mʼanimuonyam ne anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ Misraim ne ɛserɛ so no, nanso ɛberɛ biara wɔyɛ asoɔden de sɔ me hwɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios