Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:7 - Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Melatia a ɔfiri Gibeon, Yadon a ɔfiri Meronot ne nnipa a wɔfiri Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no atenaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no aseɛ no miamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Melatia a ofi Gibeon, Yadon a ofi Meronot ne nnipa a wofi Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no atenae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no aseɛ no miamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni, Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no ase no miamiaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:7
7 Referencias Cruzadas  

Enti, ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfoɔ no nyinaa. Na wɔnka Israelfoɔ no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛfoɔ bi. Israel kaa ntam sɛ, wɔrenkum wɔn, nanso ɛsiane Saulo ahopereɛ enti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase.


Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so. Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.


Enti, ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa, maa wɔbɛsoaa adansie aboɔ ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkuro Geba ne Mispa ho ban.


Yei yɛ krataa no nsɛso a wɔde kɔmaa no: Ɛfiri wʼasomfoɔ nokwafoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nkyɛn de kɔma Artasasta:


Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a ɔtua Mispa ano no. Wɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛne akodeɛ akoradan fapem di nhwɛanimu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios