Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Mpataa Pono no, Senaa mma na wɔsiiɛ, wɔn na wɔsamm soɔ na wɔsisii n’apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mpataa pon no, Senaa mma na esii, wɔn na wɔsɛm so na wosisii n’apon, ne mpratwom ne n’adaban.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:3
11 Referencias Cruzadas  

Yei akyi, Manase sane sisii Dawid kuropɔn abɔntene afasuo; ɛfiri Gihon asutire atɔeɛ fam a ɛwɔ Kidron bɔnhwa mu, de kɔ Apataa Ɛpono ano, kɔsi Ofel bepɔ so a wɔsi maa ɛkɔɔ soro yie no. Na ɔduaa nʼasraafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.


Senaa ɔman mma 3,630


afei yɛtwaa Efraim Ɛpono no ho, kɔsii Kuropɔn Dada Ɛpono no, yɛfaa Mpataa Ɛpono no ho, kɔsii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nnwan Ɛpono no ho, na yɛkɔgyinaa Ɔwɛn Ɛpono ano.


Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie.” Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no wɔ me so.


Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok.


Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wɔsiesiee Kuropɔn Dada Ɛpono no. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no de nkyerewa ne nnaban bobɔɔ mu.


Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no hunuu sɛ masiesie ɔfasuo no awie a ɛkwan biara nneda ntam a ɛnso yɛnsisii apono no,


Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ.


ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.


“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano, agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios