Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:26 - Asante Twi Nkwa Asɛm

26 ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:26
13 Referencias Cruzadas  

Wɔn a wɔsane baeɛ bɛfaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn nkuro dada mu no yɛ Israelfoɔ bi, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔredan mu aboafoɔ.


Yotam sane yɛɛ Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, ɛnna ɔsane yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasuo a ɛwɔ Ofel bepɔ so no.


Yei akyi, Manase sane sisii Dawid kuropɔn abɔntene afasuo; ɛfiri Gihon asutire atɔeɛ fam a ɛwɔ Kidron bɔnhwa mu, de kɔ Apataa Ɛpono ano, kɔsi Ofel bepɔ so a wɔsi maa ɛkɔɔ soro yie no. Na ɔduaa nʼasraafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.


“Nnipa no nkaeɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛdeɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, na wɔanyinyini a wɔte asɛm ase no,


Nanso, Asɔredan mu asomfoɔ no a na wɔn ntuanofoɔ yɛ Siha ne Gispa no deɛ, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel kokoɔ so.


Wɔfaa nsuo Aniwa Ɛpono no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no ɔfasuo atwedeɛ a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid efie ho, kɔsii Nsuo Ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ho.


Afei, Tekoafoɔ nso toaa so. Wɔbɛsiesiee ɛfa foforɔ bi a ɛne abantenten kɛseɛ a ɛyi ne ho adi no ntentenesoɔ kɔsi Ofel ɔfasuo no.


ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no.


Enti, nnipa no kɔtwitwaa mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afie, wɔn adihɔ, Onyankopɔn asɔredan adihɔ anaa adwaberem a ɛwowɔ asutene apono no ne Efraim apono no mu.


Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no.


Wɔbɛgya aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ, deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios