Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:25 - Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Usai babarima Palal toaa adwuma no so firii baabi a ɛne fapem no ne ntweasoɔ hɔ no di nhwɛanimu, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfie a ɛbɛn awɛmfoɔ no adihɔ no. Deɛ ɔdi ne so yɛ Paros babarima Pedaia,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Usai ba Palal dii ntweaso no ne abantenten a ɛtene firi atifi ahemfie nneduafoɔ abannwa ho no ntentensoɔ. Ɔno so na Paros ba Pedaia diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Usai babarima Palal toaa adwuma no so fii faako a ɛne fapem no ne ntwea so hɔ no di nhwɛanim, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfi a ɛbɛn awɛmfo no adiwo no. Nea odi ne so yɛ Paros babarima Pedaia,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Usai ba Palal dii ntweaso no ne abantenten a ɛtene firi atifi ahemfie nneduafoɔ abannwa ho no ntentensoɔ. Ɔno so na Paros ba Pedaia diiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Usai ba Palal, dii twea no ne abantenten a ɛteɛ fi atifi ahemfi nneduafo abangua ho no ntentenso. Ɔno so na Paros ba Pedaia dii.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:25
12 Referencias Cruzadas  

Dodoɔ a wɔyɛ Paros abusuafoɔ 2,172


afei yɛtwaa Efraim Ɛpono no ho, kɔsii Kuropɔn Dada Ɛpono no, yɛfaa Mpataa Ɛpono no ho, kɔsii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nnwan Ɛpono no ho, na yɛkɔgyinaa Ɔwɛn Ɛpono ano.


Abusuafoɔ dodoɔ nie: Paros 2,172


Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’ Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu; ɔde ntweneduro dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.


Na Babiloniahene akodɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifoɔ Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ a ɛwɔ Yuda ahemfie.


Ɛberɛ a, Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ:


Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfoɔ adihɔ hɔ, na wɔmma no burodo a ɛfiri burodotofoɔ borɔno so da biara nkɔsi sɛ kuropɔn no mu burodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.


Wɔde ntampehoma no twetwee no de yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.


Babiloniafoɔ no de ogya too ahemfie no ne nnipa no afie mu, na wɔdwirii Yerusalem afasuo no.


Na wo, nnwankuo no abantenten, Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden, wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo; Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios