Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:23 - Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Wɔn so na Benyamin ne Hasub bɛtoaeɛ wɔn fie ntentensoɔ. Wɔn so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoaeɛ wɔ ne fie ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Wɔn so na Benyamin ne Hasub bɛtoaeɛ wɔn fie ntentensoɔ. Wɔn so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoaeɛ wɔ ne fie ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Ɔno so na Benyamin ne Hasub bɛtoae wɔn fi ntentenso. Ɔno so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoae ne fi ho.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:23
7 Referencias Cruzadas  

Seraia, Asaria, Yeremia,


Deɛ ɔdi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛbɛn ne fie, na deɛ ɔdi ne soɔ ne Hasabnia babarima Hatus.


Afei, asɔfoɔ a wɔfifiri amantam a atwa hɔ ahyia na wɔdi soɔ.


Deɛ ɔdi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a, ɛfiri Asaria fie kɔsi fapem no ne ntweasoɔ hɔ.


Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios