Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:21 - Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nana nso, siesiee ɔfasuo no fa bi firi baabi a, ɛne Eliasib efie ɛpono di nhwɛanimu no, de kɔsii efie no nkyɛn baabi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Ɔno so na Hakos ba Uria ba Meremot bɛtoa miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu de firi Eliasib fie pono ano kɔsii Eliasib fie awieeɛ nohoa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Ɔno so na Hakos ba Uria ba Meremot bɛtoa miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu de firi Eliasib fie pono ano kɔsii Eliasib fie awieeɛ nohoa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ɔno so na Hakos ba, Uria ba, Meremot bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu de fii Eliasib fi pon ano kosii Eliasib fi awiei noho.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:21
8 Referencias Cruzadas  

ne Kos a nʼasefoɔ ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.


Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)


Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa.


Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.


Onipa a ɔdi so ne Sabai babarima Baruk a ɔsiesiee fa bi firi fapem no, de kɔsii ɔsɔfopanin Eliasib fie ɛpono no ano.


Afei, asɔfoɔ a wɔfifiri amantam a atwa hɔ ahyia na wɔdi soɔ.


Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok.


Asɔfoɔ baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios