Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:19 - Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a ɔtua Mispa ano no. Wɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛne akodeɛ akoradan fapem di nhwɛanimu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Deɛ ɛtoa ne so na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa esini a ɛka ho no mu, kokoam amiadeɛ dan ntwedeɛ no ntentensoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a otua Mispa ano no. Wosiesiee ɔfasu no fa bi a ɛne akode adekoradan fapem di nhwɛanim no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Deɛ ɛtoa ne so na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa esini a ɛka ho no mu, kokoam amiadeɛ dan ntwedeɛ no ntentensoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Ne nkyɛn mu na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa sin a ɛka ho no mu, kokoam amiade dan ntrapoe no ntentenso.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:19
6 Referencias Cruzadas  

Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so.


Lewifoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne: Asania babarima Yesua, Binui a ɔfiri Henadad abusua mu, Kadmiel,


Lewifoɔ a wɔne wɔn sanee wɔn akyi no nie: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfoɔ na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.


Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no.


Wɔn a wɔdi so yɛ ɔno ara ne manfoɔ a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na ɔtua Keila mansini fa no ano.


Deɛ ɔdi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a, ɛfiri Asaria fie kɔsi fapem no ne ntweasoɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios