Nehemia 3:15 - Asante Twi Nkwa Asɛm15 Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron15 Na Nsutire Pono no, Kol-hose ba Salum Mispa abupɛn no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ na ɔkataa soɔ na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo nsuka ho fasuo nso, ɔhene turo no ho de kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuro mu no ho. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm15 Kol-Hose babarima Salum a na otua Mispa mansin ano no na osiesiee Asuti Pon no. Osiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapon na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, osiesiee Siloam abura ho fasu a ɛbɛn ɔhene mfikyifuw no. Ɔsan too ɔfasu no kosii atrapoe a esian fi Dawid kuropɔn mu no. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible15 Na Nsutire Pono no, Kol-hose ba Salum Mispa abupɛn no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ na ɔkataa soɔ na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo nsuka ho fasuo nso, ɔhene turo no ho de kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuro mu no ho. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON15 Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho. Ver Capítulo |
Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no.