Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:14 - Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Sumina pono no deɛ, Rekab ba Malkia, Bet-hakerem ɔmansin no so safohene, na ɔmiamiaa mu, ɔno na ɔtoeɛ, na ɔkataa soɔ, na ɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Sumina pon no de, Rekab ba Malkiya, Bet-hakerem abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:14
9 Referencias Cruzadas  

Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofoɔ no. Na wɔyɛ Rimon a ɔfiri Benyamin efie wɔ Beerot kuro mu no mmammarima. Seesei, na kuro Beerot ka Benyamin ho,


Ɛberɛ a Yehu firii hɔ no, ɔhyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebɛhyia no. Wɔkyeakyeaa wɔn ho wieeɛ no, Yehu bisaa no sɛ, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛdeɛ mewɔ wo ho adwene pa no anaa?” Yehonadab buaa sɛ, “Aane.” Yehu toaa so sɛ, “Sɛ wowɔ me ho adwene pa deɛ a, ɛnneɛ, kyea me.” Yehonadab tenee ne nsa ma Yehu kyeaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu.


Mikael, Baaseia, Malkia,


Medii Yuda ntuanofoɔ no anim kɔɔ ɔfasuo no atifi, na meboaboaa nnwomtofoɔ akuo akɛseɛ mmienu ano, ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofoɔ ekuo no mu baako kɔɔ anafoɔ wɔ ɔfasuo no atifi kɔsii Sumina Ɛpono no.


Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no.


Deɛ ɔdi soɔ yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansini fa bi ano no no, babarima Refaia.


“Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa! Monnwane mfiri Yerusalem! Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa! Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam, ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios