Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:13 - Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Sanoafoɔ a Hanun da wɔn ano no na wɔsiesiee Bɔnhwa Ɛpono no, sisii nʼapono, de nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, wɔsiesiee ɔfasuo no anammɔn apem ne ahanum de kɔsii Sumina Ɛpono no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Obon pon no, Hanun ne Sanoafo miamiaa mu, wɔn na wɔtoe na wosisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasu no basafa ahanum de kosii sumina pon no ano.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:13
7 Referencias Cruzadas  

Mered nso waree ɔbaa a ɔfiri Yuda. Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babaa.


Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so.


Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa so nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuo a ɛbemmɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa so nso. Enti, Yudafoɔ no tenatena nsase a ɛfiri Beer-Seba kɔsi Hinom bɔnhwa no mu.


Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no.


Enti, mefaa Kidron Bɔnhwa no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasuo no ansa na meresane mʼakyi abɛfa Bɔnhwa Ɛpono no mu bio.


Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam,


Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios