Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 nanso, mebuaa sɛ, “Ɔhene nkwa so! Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ me werɛ hoɔ? Kuropɔn a wɔsiee me mpanimfoɔ wɔ mu no abubu, na wɔahye nʼapono no nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 nanso mibuae se, “Ɔhene nkwa so! Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ me werɛ how? Kuropɔn a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no abubu, na wɔahyew nʼapon no nyinaa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:3
21 Referencias Cruzadas  

Na Batseba sane kotoo no bio, na ɔteaam sɛ, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!”


Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem.


Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Ɔwuiɛ no, anyɛ obiara awerɛhoɔ. Wɔsiee no Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehyeɛ asieeɛ.


Ɔhene Ahas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Ne babarima Hesekia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.


Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ adehyeɛ amusieeɛ no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no animuonyam ne wuo mu. Afei, ne babarima Manase, dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.


Afei, nʼakodɔm no too Onyankopɔn Asɔredan no mu ogya, bubuu Yerusalem afasuo no, hyee ahemfie no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ boɔ no.


Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”


Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no.


Na mɛyɛ dɛn matena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfoɔ ne mʼabusuafoɔ, asɛe wɔn?”


Nʼaboɔ som bo ma wʼasomfoɔ; ne mfuturo hyɛ wɔn awerɛhoɔ.


Amanaman no bɛsuro Awurade din; asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni.


Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a, ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu.


Mʼakyi dompe mu yea boro so: ahoɔden biara nni me onipadua mu.


Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem.


Nʼapono amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a ɛfiri Awurade hɔ bio.


Na Kaldeafoɔ no buaa no wɔ Arameike kasa mu sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ka daeɛ no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ aseɛ.”


“Nana wo nkwa so!


Na ɛberɛ a Ɔhemmaa no tee ɔhene ne ne mpanimfoɔ nteateam no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontoɔ dan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar sɛ, “Nana nkwa so! Nana nsuro na mma wʼanim nsesa!


Daniel teaam sɛ, “Nana wo nkwa so!


Enti, sohwɛfoɔ no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana wo nkwa so!


Mɛma mo nkuro ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohwam afɔrebɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios