Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:18 - Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn. Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!” Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn. Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na mekaa wɔn me Nyankopɔn yiye a wayɛ me, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:18
10 Referencias Cruzadas  

ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔma mofiri mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.


Afei, Hesekia miaa ne banbɔ mu, ɔsiesiee ɔfasuo no baabiara a abubuo no, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ kaa deɛ ɛwɔ hɔ dada no ho. Ɔsane miaa banbɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no. Afei ɔyɛɛ akodeɛ ne akokyɛm bebree.


Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”


Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu.


Wɔdii Twam Afahyɛ aduane no, ɛnna wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛ baa ɔman no mu afanan nyinaa, ɛfiri sɛ, Awurade sesaa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho, ma ɔboaa wɔn ma wɔsii Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, asɔredan no.


Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfoɔ nokwafoɔ sɛ Yudafoɔ a wɔasra me ngo sɛ menni wɔn so ɔhene no.”


Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.


Na Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidie mu.


Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie.” Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no wɔ me so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios