Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:17 - Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim amaneɛ a ato yɛn kuropɔn yi yie. Abubu na nʼapono nso ahye. Momma yɛnto Yerusalem ɔfasuo no bio mfa mpepa animguaseɛ a ato yɛn yi!”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:17
23 Referencias Cruzadas  

Ɛfiri sɛ, na yɛyɛ nkoa nanso, ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no enti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yie. Ɔkanyanee yɛn, sɛdeɛ yɛbɛtumi asane asi yɛn Onyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfoɔ no. Wama yɛn banbɔ afasuo wɔ Yuda ne Yerusalem.


Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”


Mefaa Bɔnhwa Ɛpono no ano, twaa Ɔtweaseɛ Abura no ho kɔsii Sumina Ɛpono no ano, kɔhwɛɛ afasuo ne apono a ahyeɛ no.


Na kuropɔn no mu mpanimfoɔ nnim sɛ makɔ hɔ, na wɔnnim deɛ mereyɛ nso, ɛfiri sɛ, na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara. Na me ne asɔre mpanimfoɔ, amanyɛ ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ anaa mmapɔmma no mu biara nkasaeɛ.


Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no.


Amanaman no bɛsuro Awurade din; asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni.


Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ, animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.


Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu na nnipa no woso wɔn ti de gu yɛn so.


Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no, tua wɔn so ka mprɛnson.


Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ, fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.


Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ne mfomsodeɛ ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahɔhora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ asredeɛ ne mmusuo baabiara a mɛpam wɔn akɔ.


Awurade annya ahummɔborɔ na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa; nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam. Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma ho fi.


Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti.


“Mɛyɛ wo mmubuiɛ ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wɔtwam hɔ no ani so.


Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba, ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.


Nahas kaa sɛ, “Ɛyɛ, na adeɛ baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios