Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:14 - Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Afei, mefaa Asutire Ɛpono no ho kɔsii Ɔhene Abura no ho, nanso na mʼafunumu no ntumi mfa mmubuiɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na mesene mekɔɔ Nsuo aniwa Pono no ano ne Ɔhene Tadeɛ ho, nanso na m’aboa a mete no soɔ no nnya baabiara mfa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Afei, mefaa Asuti Pon no ho kosii Ɔhene Abura no ho, nanso na ɔkwan turodoo nni hɔ ma mʼafurum no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na mesene mekɔɔ Nsuo aniwa Pono no ano ne Ɔhene Tadeɛ ho, nanso na m’aboa a mete no soɔ no nnya baabiara mfa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na mesen mekɔɔ nsuaniwa pon no ano ne ɔhene tare ho, nanso na m’aboa a ɔwɔ m’ase no nnya baabiara mfa.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:14
7 Referencias Cruzadas  

Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no.


Nsɛm a ɛsisii Hesekia ahennie mu nkaeɛ no a ne tumidie ka ho, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ subunu, twaa suka maa nsuo baa kuro no mu no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.


Ɔsii asutire a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsuo no faa dorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn atɔeɛ fam. Na biribiara a ɔyɛeɛ no nso, ɛyɛɛ yie.


Yeinom nyinaa akyi, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraadɔmhene ne nʼananmusini firii Lakis ne akodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia so wɔ Yerusalem. Asiriafoɔ no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtadeɛ nsuo a ɛbɛn ɛkwan a ɛde kɔ baabi a wɔpa ntoma ani no ho.


Wɔfaa nsuo Aniwa Ɛpono no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no ɔfasuo atwedeɛ a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid efie ho, kɔsii Nsuo Ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ho.


Mesisii nsukoraeɛ a mɛtwe nsuo afiri mu, de agugu nnua a ɛrenyini no so.


Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios