Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 13:25 - Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Enti, mekɔɔ wɔn so, kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tirinwi. Memaa wɔkaa ntam Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nni awadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Enti mekɔɔ wɔn so kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tinwi. Mema wɔkaa ntam wɔ Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nni aware.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 13:25
21 Referencias Cruzadas  

Elisa danee ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisire mmienu pue firii wiram, bɛkunkum wɔn mu aduanan mmienu.


Na Ɛsra sɔre gyinaeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ no ntuanofoɔ, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nyinaa nka ntam sɛ, wɔbɛyɛ deɛ Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den.


Obiara a ɔbɛbu mo Onyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wɔbɛkum no, wɔbɛtwa no asuo, wɔbɛfa nʼagyapadeɛ anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.


Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofoɔ no nkyɛn, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moayi mo ani afiri Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifoɔ no nyinaa, maa wɔsane baeɛ, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano.


Ɛno enti, mekɔɔ Yuda ntuanofoɔ no so, kɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi?


Na deɛ na ɛnyɛ koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforɔ bi kasa a na wɔntumi nka Yudafoɔ kasa no koraa.


Meporoo mʼabɔɔmu mu kaa sɛ, “Sɛ mobu ɛbɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporo mo mfiri mo afie mu ne mo agyapadeɛ ho!” Badwa no gyee so sɛ, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.


Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuu yie.


Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ a wɔapo wo mmara enti.


deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade, deɛ ɔdi ne ntam so ɛberɛ a ɛtia no mpo,


Afei, ɛyɛ saa a, mobɛgye wɔn mmammaa aware ama mo mmammarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.


Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.


Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me, na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ. Mamfa mʼanim ansie wɔn fɛdie ne ntasuteɛ ho.


Ɛsɛ sɛ mosuro Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam.


Mo ne wɔn nni awadeɛ na mommma mo mmammaa ne mo mmammarima nnware wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.


“Nanso sɛ motwe mo ho firi ne ho, na mone saa amanaman yi nkaeɛfoɔ a wɔwɔ mo mu yi di awadeɛ a,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios