Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 13:23 - Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, mehunuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wɔfiri Asdod, Amon ne Moab.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Saa bere koro no ara mu, mihuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wofi Asdod, Amon ne Moab.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Nna no mu nso, mihuu Yudafo a wɔawareware Asdod mmea ne Amon mmea ne Moab mmea.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 13:23
16 Referencias Cruzadas  

Farao babaa no akyi no, ɔhene Salomo dɔɔ ananafoɔ mmaa bebree a na wɔyɛ Moabfoɔ, Amonfoɔ, Edomfoɔ, Sidonfoɔ ne Hetifoɔ.


Na ɔsɔfoɔ Ɛsra sɔre gyina kaa sɛ, “Moayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, moawareware abosonsomfoɔ mmaa. Enti seesei, yɛwɔ afɔbuo a ano yɛ den mu sene kane deɛ no.


Na mmarima yi mu biara aware ɔbosonsomni baa a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.


“Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmammaa nware abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmammarima nso nware wɔn mmammaa.


“Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam.


Ɛda no ara, ɛberɛ a wɔgu so rekenkan Mose Nwoma no, ɔmanfoɔ no hunuu asɛm bi a ɛka sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn adwabɔ ase.


Na deɛ na ɛnyɛ koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforɔ bi kasa a na wɔntumi nka Yudafoɔ kasa no koraa.


Ɛdeɛn na ɛha mo ma modwene sɛ mobɛware ananafoɔ mmaa, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na monni Onyankopɔn nokorɛ?


Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie.


Wo fam deɛ a wobɛyɛ ara ne sɛ, wobɛtie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no nyinaa afiri wʼanim.


Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri sɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako?


Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so a, ɔbɛpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim no a wɔyɛ Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom yɛ aman nson a wɔsoso na wɔyɛ den sen mo.


Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ edu no,


Filistifoɔ no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so firii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios