Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 13:18 - Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Monnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no enti na yɛn Onyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so seesei yi brɛɛ yɛn ne yɛn kuro yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntrasoɔ seesei no bɛma abufuhyeɛ aba Israelfoɔ so.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Ɛnyɛ saa na mo agyanom yɛeɛ, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kuro yi soɔ no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuo no ho, sɛ morekum home da ho yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Munnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no nti na yɛn Nyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so mprempren yi brɛɛ yɛn ne yɛn kurow yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntraso mprempren no bɛma abufuwhyew aba Israelfo so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Ɛnyɛ saa na mo agyanom yɛeɛ, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kuro yi soɔ no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuo no ho, sɛ morekum home da ho yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 So, ɛnyɛ sɛɛ na mo agyanom yɛe, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kurow yi so no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuw no ho, sɛ morekum homeda ho yi.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 13:18
16 Referencias Cruzadas  

“Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra.


Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,


Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”


Ɛberɛ a mo amumuyɛ ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no fonoo Awurade no, mo asase danee nnomedeɛ ne amanfo a obiara nte so, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.


Esiane sɛ moahye nnuhwam, ayɛ bɔne atia Awurade, na moannyɛ ɔsetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛdeɛ ne nʼadansesɛm soɔ enti, amanehunu aba mo so sɛdeɛ mohunu yi.”


Mo werɛ afiri amumuyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemaa yɛeɛ, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔntene so no anaa?


Wɔbɛpa wo ho ntoma nso na wɔafa wʼadwinneɛ.


Wannyae nʼadwamammɔ a ɔhyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no, ɛberɛ a ɔyɛ ababaawa na mmarima ne no daeɛ, sosɔɔ ne mpokuwa mu na wɔhwiee wɔn akɔnnɔ guu ne soɔ.


“ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo aso mmɔho nson a emu yɛ den wɔ mo bɔne no ho.


mo bɔne enti, me bo bɛfu mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho nson.


na moka sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam ama yɛatɔn aduane, na Homeda bɛba awieeɛ ama yɛadi ayuo dwa?” Sɛ mobɛhyɛ susukora mu na moatoto ɛboɔ so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,


“Nanso, monhwɛ, abɔnefoɔ, moreyɛ saa bɔne koro no ara bi. Esiane sɛ mo dɔɔso enti, Awurade bo a afu Israel no ano bɛyɛ den sen kane no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios