Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 13:15 - Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛda koro Homeda bi, mehunuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamena so. Na wɔrehyehyɛ atokoɔ afiafi wɔ wɔn mfunumu so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsã, bobe aba, borɔdɔma ne mfudeɛ bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn mfudeɛ homeda.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ home da, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Da koro Homeda bi, mihuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamoa so. Na wɔrehyehyɛ atoko afiafi wɔ wɔn mfurum so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsa, bobe aba, borɔdɔma ne nnɔbae bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn nnɔbae homeda.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ homeda, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 13:15
31 Referencias Cruzadas  

Awurade somaa adiyifoɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.


“Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam.


“Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra.


Na mmarima bi nso firi Tiro a wɔde nsuomnam ne adwadeɛ ahodoɔ bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafoɔ wɔ Yerusalem fie ankasa!


Nanso, mekasa kyerɛɛ wɔn anibereɛ so sɛ, “Ɛdeɛn na motete ɔfasuo yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Ɛfiri hɔ, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio.


“Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnsane mmɛdi wo mmara no so nanso, wɔyɛɛ ahomasoɔ ne asoɔden a wɔanni wʼahyɛdeɛ no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a, wɔnam so bɛnya nkwa. Nanso, wɔnam ahomasoɔ so danee wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wɔbɛtie wo.


Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa?


“Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa, mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel; Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.


Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,


Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda kronkron ma Awurade. Saa mmara yi yɛ apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ daa ma Israelfoɔ.


“Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, monnni dwuma biara. Ofuntumberɛ anaa otwaberɛ mpo, momfa nna nsia nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no, monhome.


Monyɛ adwuma nnansia. Na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, momfa nhome; ɛyɛ ɛda kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɔbɛwu.


Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.


“Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no, sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da na modi Awurade da kronkron no ni na moamfa mo ara mo akwan so na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a,


Nanso sɛ mohwɛ yie na moyɛ ɔsetie ma me a, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apono mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,


Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”


“Ao Yuda nkaeɛfoɔ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mfiri. Ɛnnɛ merebɔ mo kɔkɔ


“ ‘Nanso, Israelfoɔ tee mʼanim atua wɔ ɛserɛ no so. Wɔanni me nhyehyɛeɛ so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a ɔbɛdi soɔ no bɛnya nkwa wɔ wɔn mu, na wɔguu me home nna ho fi koraa. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ ɛserɛ no so.


na moka sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam ama yɛatɔn aduane, na Homeda bɛba awieeɛ ama yɛadi ayuo dwa?” Sɛ mobɛhyɛ susukora mu na moatoto ɛboɔ so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,


“Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo? Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me!


Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.”


Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.


Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho ɛkwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so.


Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi,


Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo werɛ firi Awurade, mo Onyankopɔn, na mokɔdi anyame foforɔ akyi, som wɔn, koto wɔn a, sɛeɛ na wɔbɛsɛe mo.


Onyankopɔn akyiwadeɛ no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko na ɔgye ne yere, ɛfiri sɛ, sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso dendeenden sɛdeɛ yɛadi ɛkan abɔ mo kɔkɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios