Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 12:44 - Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Ɛda no, wɔyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛdeɛ, otwakane ne ntotosoɔ dudu gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔkɔgyegye firi mfuo mu, sɛdeɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmara kyerɛ no, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn dwumadie no ho hia Yudafoɔ nyinaa yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

44 Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 12:44
17 Referencias Cruzadas  

Na Lewifoɔ no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fie no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adihɔ ne adan a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahodoɔ so wɔ Onyankopɔn efie.


Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so.


Saa apono ano ahwɛfoɔ mpanimfoɔ baanan a na wɔyɛ Lewifoɔ no, na wɔn adwuma no yɛ deɛ ɛkura asodie kɛseɛ, ɛfiri sɛ, wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fie hɔ no so.


“Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no.


Nhyira ne onipa a ɔtie me, ɔwɛn mʼaboboano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ.


Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so bɛnya ahoɔden foforɔ. Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem; wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ. Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.


Ma Aaron ne ne mmammarima no nsom sɛ asɔfoɔ; onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛne kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.”


Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom; Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ;


Sɛ mpo wanya sika bi afiri abusua agyapadeɛ bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛdeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios