Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 12:43 - Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Saa anigyeɛ da no, wɔbɔɔ afɔdeɛ bebree, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gyeɛ. Mmaa ne mmɔfra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duruu akyirikyiri.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Saa anigye da no, wɔbɔɔ afɔre bebree, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Mmea ne mmofra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duu akyirikyiri.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 12:43
29 Referencias Cruzadas  

Ɛberɛ a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkɔkoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no,


Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn sane kɔɔ Yerusalem anigyeɛ so sɛ, Awurade ama wɔadi wɔn atamfoɔ so nkonim.


Afahyɛ no awieeɛ no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyeeɛ, ɛfiri sɛ, na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ adi no yie.


Anigyeɛ nteateamu ne osu a ɛne no adi afra no, ano yɛɛ den, na nnipa tee no akyirikyiri.


Ɛberɛ a wɔredwira Yerusalem ɔfasuo foforɔ no ho no, wɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa sɛ, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadie no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigyeɛ fa no.


ne nnwomtofoɔ Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔeɛ. Wɔtoo nnwom denden so a na dwomkyerɛfoɔ Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ.


Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ? Sɛ ɔde nʼanim hinta nso a, hwan na ɔbɛhunu no? Nanso ɔdi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,


Afei ɔbɛma me tiri so wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so; mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu; na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.


Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm; mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me. Mʼakoma di ahurisie na mede dwomtoɔ bɛda no ase.


Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.


Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye; mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti.


na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ nsi nsõ anan mu; anigyeɛ ngo nsi awerɛhoɔdie anan mu, ayɛyie atadeɛ nsi abasamutuo honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum deɛ Awurade adua de ada nʼanimuonyam adi.


Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso. Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ; mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.


ahurisie ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie nne sɛ, “ ‘Momfa aseda mma Asafo Awurade, ɛfiri sɛ Awurade yɛ, na ne dɔ wɔ hɔ daa.’ ” Na mɛsane de asase no so nnepa a ɛwɔ hɔ dada no aba bio, Awurade, na ɔseɛ.


Anigyeberɛ mu nso, monhyɛn ntotorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Bosome biara ahyɛaseɛ nso, monhyɛ mfa nnye mo ani wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo apam no. Na mene Awurade mo Onyankopɔn.”


Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.


Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam sɛ, “Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohoa!”


Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Seesei deɛ, mo werɛ aho. Nanso, mɛhunu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigyeɛ no mfiri mo nsam.


Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu,


Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayɛyie nnwom.


Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios