Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 12:42 - Asante Twi Nkwa Asɛm

42 ne nnwomtofoɔ Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔeɛ. Wɔtoo nnwom denden so a na dwomkyerɛfoɔ Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 ne Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser; na nnwontofoɔ no memaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so kannifoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 ne nnwontofo Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔe. Wɔtoo nnwom a na dwonkyerɛfo Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

42 ne Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser; na nnwontofoɔ no memaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so kannifoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 ne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser; na nnwontofo no momaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so hwɛfo.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 12:42
11 Referencias Cruzadas  

Mikael, Baaseia, Malkia,


Maasia, Bilgai ne Semaia. Yeinom ne asɔfoɔ no.


ne ne mfɛfoɔ atitire ɔha aduonu nwɔtwe (128). Wɔn panin pa ara a ɔtua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.


Yɛne asɔfoɔ a na wɔhyɛn totorobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania


Saa anigyeɛ da no, wɔbɔɔ afɔdeɛ bebree, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gyeɛ. Mmaa ne mmɔfra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duruu akyirikyiri.


Monto ahurisie dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; mommɔ ose mma Yakob Onyankopɔn no!


Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ. Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no.


Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios