Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 11:22 - Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Na ɔpanin pa ara a ɔtua Lewifoɔ a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, a na nʼabusuafoɔ somm sɛ nnwomtofoɔ wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na Lewifoɔ a na wɔte Yerusalem no so hwɛfoɔ ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba, Asaf mma no mu nnwontofoɔ wɔ hɔ ma Nyankopɔn fie adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na Lewifoɔ a na wɔte Yerusalem no so hwɛfoɔ ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba, Asaf mma no mu nnwontofoɔ wɔ hɔ ma Nyankopɔn fie adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na Lewifo a wɔte Yerusalem no so hwɛfo ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba; Asaf mma no mu nnwontofo wɔ hɔ ma Onyankopɔn fi adwuma no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 11:22
19 Referencias Cruzadas  

Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na ɛfiri saa ɛberɛ no, Siba fiefoɔ nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfoɔ.


Afei, wɔmaa Merari asefoɔ Yesaia, Hasabia ne ne mmammarima ne ne nuammarima aduonu


Mika, Rehob, Hasabia,


Hodia, Bani ne Beninu.


ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfoɔ babarima,


ne ne mfɛfoɔ atitire ɔha aduonu nwɔtwe (128). Wɔn panin pa ara a ɔtua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.


Wɔn panin pa ara no ne Sikri babarima Yoɛl na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfoɔ abadiakyire babarima Yuda boaa no.


ne asɔfoɔ no bi a wɔhyɛne totorobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di hɔ.


ne nnwomtofoɔ Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔeɛ. Wɔtoo nnwom denden so a na dwomkyerɛfoɔ Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ.


Amammerɛ a wɔma nnwomtofoɔ akwankyerɛfoɔ di nnwomtofoɔ no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no hyɛɛ aseɛ firii Dawid ne Asaf berɛ so.


Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ Sadok ne Lewifoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na meyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nana sɛ wɔn ɔboafoɔ. Na saa mmarima yi wɔ edin pa, na wɔn adwuma ne sɛ, wɔde nokorɛ bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no.


Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so.


Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ.


Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios