Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 10:34 - Asante Twi Nkwa Asɛm

34 “Yɛabɔ ntonto hodoɔ, ahunu afe biara mu mmerɛ a ɛfata sɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ no abusuafoɔ de nnyensin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhye no Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia so, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 “Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata sɛ asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

34 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛde ho ntonto, asɔfo, Lewifo, ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fi, sɛnea yɛn mpanyimfi te, afe afe mu, bere a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka no so, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 10:34
16 Referencias Cruzadas  

Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ.


Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib. Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Yedaia.


Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: “Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no.


Afei, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne afɔdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne mfeɛ ahodoɔ afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔdeɛ nso de maa Awurade.


Afei, saa ɛberɛ yi, na ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ tete Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkuro bi no so, yii mu nkyɛmu edu mu baako, ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkaeɛ no deɛ, wɔtenaa deɛ wɔte hɔ ara.


Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔrebukyia so no nso bɛba mmerɛ a ɛsɛ mu, na afei wɔbɛgye otwa a ɛdi ɛkan no mu nnɔbaeɛ de abrɛ asɔfoɔ no. Kae yei na dom me, Ao me Onyankopɔn.


Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so, na ɛpata atamfoɔ.


Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya, na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.


“Momfa asikyiresiam muhumuhu nto burodo amuamua dumienu. Momfa esiam lita ɛnan ne fa nto burodo mua biara.


Monhyehyɛ no akyerɛpɛn mmienu, a nsia biara wɔ kyerɛpɛn baako so wɔ sikakɔkɔɔ amapa ɛpono so wɔ Awurade anim.


“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, afɔrebɔdeɛ a mohye no wɔ afɔrebukyia so no yɛ mʼaduane a mʼani gye ho. ‘Enti, hwɛ na wɔmfa mmra wɔ ɛberɛ-ano-berɛ-ano na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mahyɛ no.


Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.


Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfoɔ no yɛɛ nnuabufoɔ ne asukɔfoɔ maa Israelfoɔ ne Awurade afɔrebukyia no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wɔnsi no no. Saa nhyehyɛeɛ no wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios