Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 8:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 8:2
37 Referencias Cruzadas  

“Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hunu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa.’


Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!”


na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne sɛ, “Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”


Petro reyɛ awura efie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe.


Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu.


Ɛhɔ na wɔhunuu no, koto sɔree no. Nanso, na wɔn mu bi nnye nni ara.


Bio, saa ɛberɛ no na akwatafoɔ bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifoɔ Elisa ansa obiara yadeɛ sɛ ɔsahene Naaman a ɔfiri Siriaman mu no nko ara.”


Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie.


Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim.


Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”


Esiane sɛ wɔannye no annie no enti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ.


Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.”


Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ. Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so.


Deɛ woayɛ yi enti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Ɛberɛ a Gehasi firii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma.


Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no,


Mebutuu ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ, meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔdi Yesu ho adanseɛ no. Som Onyankopɔn ɛfiri sɛ, nokorɛ a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifoɔ no nkuran.”


Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no.


Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.


Afei, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wobɛkoto asom me a, mede deɛ wohunu yi nyinaa bɛma wo.”


Wɔduruu efie a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ.


Na Aramhene bu Naaman a ɔyɛ akodɔm sahene no yie. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛseɛ bebree. Ɛwom sɛ na Naaman yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ deɛ, nanso na ɔyare kwata.


Na ɛwom sɛ me ne ɔhene a wɔasra no deɛ, nanso Seruia mmammarima Yoab ne Abisai deɛ, wɔyɛ den dodo ma me sɛ mɛtumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno enti, Awurade ntua saa mmarima amumuyɛfoɔ yi so ka wɔ wɔn amumuyɛsɛm ho.”


Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi.


Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”


Petro buaa sɛ, “Dabi, Awurade, mennii biribiara a ɛho nteɛ da.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios